Psalms 82

Asaf dwom.


1 Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu;
obu atɛn wɔ “anyame” mu.


2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban
na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?

3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;
mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;
munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.


5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.
Wokyinkyin wɔ sum mu;
na asase fapem nyinaa wosow.


6 “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;”
mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ;
na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”

8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;
efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.
Copyright information for TwiAKNA